Dwom 85
Kora mma dwom.
Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ;
wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.
Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn
na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
Wode wʼabofuo too nkyɛn
na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.
 
Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ,
na ma wʼani nnye yɛn ho.
Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa?
Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?
Worenhyɛ yɛn den bio,
na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?
Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,
na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.
 
Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka.
Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ,
enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho.
Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no,
na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.
 
10 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia,
na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.
11 Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so,
na tenenee ahwɛ afiri soro.
12  Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara
na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.
13 Tenenee di nʼanim
siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.