Dwom 86
Dawid mpaeɛbɔ.
Ao Awurade, tie me na gye me so,
ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo.
Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a
ɔde ne ho to wo so.
Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ,
na mesu frɛ wo daa nyinaa.
Ma wʼakoa ani nnye,
na wo Awurade, wo nkyɛn
na mema me kra so ba.
 
Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ,
wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.
Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ;
tie me mmɔborɔ su.
Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,
na wobɛgye me so.
 
Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;
na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.
Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa
bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;
wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.
10 Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;
wo nko ara ne Onyankopɔn.
 
11 Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,
na mɛnante wo nokorɛ mu;
ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo
na masuro wo din.
12 Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn
na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.
13 Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;
woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.
 
14 Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;
basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,
nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
15 Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,
wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.
16 Dane wʼani hwɛ me na dom me;
fa wʼahoɔden ma wʼakoa
na gye wʼafenaa babarima nkwa.
17 Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ,
na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase
na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.