Dwom 89
Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.
Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa;
mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa,
na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
 
Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam;
maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.
‘Mɛma wʼase atim hɔ daa
na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ”
 
Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,
na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu.
Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?
Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?
Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;
wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.
Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?
Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.
 
Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;
nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.
10 Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako;
wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.
11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;
ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.
12 Wobɔɔ atifi ne anafoɔ.
Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.
13 Tumi ayɛ wo basa ma;
wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so.
 
14 Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee;
adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.
15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,
wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.
16 Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;
wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.
17 Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,
na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.
18 Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ,
na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.
 
19 Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu,
kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ,
“Madom ɔkofoni bi ahoɔden;
mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.
20 Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;
mede me ngo kronkron no asra no.
21 Me nsa bɛwowa no;
ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.
22 Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ;
omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.
23 Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim
na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.
24 Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho,
na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
25 Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so,
na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.
26 Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya,
me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’
27 Mɛyɛ no mʼabakan,
asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.
28 Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa,
na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ,
nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam.
 
30 “Sɛ ne mmammarima po me mmara
na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,
31 sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so
na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,
32 ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho
na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
33 Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no
na mɛkɔ so adi no nokorɛ.
34 Meremmu mʼapam no so
na merensesa deɛ mede mʼano aka no.
35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,
na merentwa Dawid atorɔ da.
36 Meremma nʼase ntɔre da
na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia;
37 ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane,
ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”
 
38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi
wo bo afu deɛ woasra no ngo no.
39 Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no
woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.
40 Woabubu nʼafasuo nyinaa
ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.
41 Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa;
na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.
42 Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so;
ama wɔn nyinaa di ahurisie.
43 Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa,
na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
44 Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ
na woato nʼahennwa atwene fam.
45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so
na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.
 
46 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?
Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?
47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.
Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!
48 Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?
Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam?
49 Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ,
deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
50 Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ
ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.
51 Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw,
de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.
 
 
52 Ayɛyie nka Awurade daa!
Amen, Amen.