Dwom 88
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.
Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn
mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.
Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;
brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
 
Ɔhaw ahyɛ me kra ma
na me nkwa rebɛn owuo.
Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;
mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.
Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,
te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,
wɔn a wonkae wɔn bio,
na wonhwɛ wɔn bio.
 
Woato me atwene damena ase tɔnn,
wɔ esum kabii mu.
Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;
woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn
woama me ho ayɛ wɔn ahi.
Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;
awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.
 
Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;
metrɛ me nsam kyerɛ wo.
10 Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?
Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?
11 Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,
anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?
12 Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,
anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?
 
13 Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;
me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu
14 Ao Awurade, adɛn nti na wopo me
na wode wʼanim hinta me?
 
15 Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;
wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.
16 Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;
wʼahunahuna asɛe me.
17 Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,
na wɔabu afa me so koraa.
18 Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;
na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.