Dwom 92
Dwom a wɔto no Homeda.
Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awurade
na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,
na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa
ne wo nokorɛ anadwo,
wɔ ahoma edu sankuo so
ne sankuten nnwom mu.
 
Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;
mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.
Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ,
na wo nyansa mu dɔ!
Ogyimifoɔ nnim
na nkwaseafoɔ nte aseɛ,
amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛ
na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,
nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
 
Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.
 
Ao Awurade ampa ara,
wʼatamfoɔ bɛyera;
na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.
10 Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ;
woahwie ngohwam papa agu me so.
11 Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,
mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.
 
12 Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua,
wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;
13 deɛ wɔadua wɔ Awurade fie,
wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.
14 Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,
wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,
15 de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni;
ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”