Dwom 93
Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;
wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade
na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.
Wɔde ewiase atim hɔ pintinn;
na wɔrentumi ntutu.
Wʼahennwa tim hɔ firi tete;
na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.
 
Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,
ɛpo ama wɔn nne so;
ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.
Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,
deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.
Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.
 
Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn;
kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam
daa nyinaa.