Dwom 94
Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ,
Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.
Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ,
tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn,
amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?
 
Wɔkasa ahantan so;
ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.
Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ;
wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.
Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ;
na wɔdi nwisiaa awu.
Wɔka sɛ, “Awurade nhunu,
Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”
 
Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu;
nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?
Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa?
Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?
10 Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa?
Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?
11  Awurade nim onipa nsusuiɛ;
ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.
 
12 Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so,
onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
13 Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu,
kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ.
14  Awurade rempo ne nkurɔfoɔ;
na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.
15 Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio,
na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so.
 
16 Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me?
Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?
17 Awurade ammoa me a,
anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.
18 Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no,
Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.
19 Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no,
wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
 
20 Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa?
Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?
21 Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ
na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.
22 Nanso Awurade yɛ mʼaban;
na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.
23 Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka
na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn;
Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.