Dwom 98
Dwom.
Monto dwom foforɔ mma Awurade,
ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;
ne nsa nifa ne ne basa kronkron no
anya nkwagyeɛ ama no.
Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ
na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.
Wakae nʼadɔeɛ
ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;
asase ano nyinaa ahunu
yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
 
Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,
momfa nnwontoɔ nni ahurisie;
Momfa sankuo nto dwom mma Awurade,
sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,
momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,
nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.
 
Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;
asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.
Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,
mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;
ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim,
ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn.
Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn
na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.