2
Israel Awoɔ Ntoatoasoɔ
Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon, Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
Yuda Asefoɔ
Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.
Na wɔn din de Er, Onan ne Sela.
Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.
Enti Yuda woo mmammarima baanum.
 
Na Peres mmammarima din de
Hesron ne Hamul.
Serah mmammarima din de
Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.
Na Etan babarima ne
Asaria.
Ɛfiri Yuda Nana Barima Hesron So Kɔsi Dawid So
Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram yɛ Aminadab agya.
Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Nahson yɛ Salma agya.
Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boas yɛ Obed agya.
Obed yɛ Yisai agya.
13 Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea. 14 Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum. 15 Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson. 16 Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.
Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.
Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ
18 Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.
20 Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
 
21 Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.
22 Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.
23 (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)
Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.
24 Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).
Hesron Ba Yerahmeel Asefoɔ
25 Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ
Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya. 26 Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ
Maas, Yamin ne Eker.
28 Onam mmammarima yɛ
Samai ne Yada.
Na Samai mmammarima yɛ
Nadab ne Abisur. 29 Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.
30 Na Nadab mmammarima yɛ
Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;
31 na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.
Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 Na Samai nuabarima Yada woo
Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,
33 nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ
wɔn Pelet ne Sasa.
Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.
 
34 Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.
Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha. 35 Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.
36 Atai woo Natan
na Natan woo Sabad.
37 Sabad woo Efial.
Efial woo Obed.
38 Obed woo Yehu
na Yehu woo Asaria.
39 Asaria woo Heles.
Heles woo Eleasa.
40 Eleasa woo Sisemai
na Sisemai woo Salum.
41 Salum woo Yekamia,
na Yekamia woo Elisama.
Hesron Babarima Kaleb Asefoɔ
42 Yerahmeel nua Kaleb
babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya.
Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 Na Hebron mmammarima yɛ
Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Na Sema woo Raham.
Raham woo Yorkeam.
Na Rekem woo Samai.
45 Na Samai woo Maon.
Maon woo Bet-Sur.
46 Na Kaleb mpena Efa woo
Haran, Mosa ne Gases.
Na Haran woo Gases.
47 Na Yahdai mmammarima yɛ
Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo
Seber ne Tirhana.
49 Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya
ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya.
Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.
50 Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ.
Kaleb Babarima Hur Asefoɔ
Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ
Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya 51 Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ
Haroe a ne fa yɛ Manahatini 53 na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.
54 Salma asefoɔ yɛ
Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ, 55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.