3
Dawid Asefoɔ
Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
 
Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.
Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa.
Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.
Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital.
Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
 
 
Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa.
 
Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ. Mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne:
 
Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babaa Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
Wɔsane wowoo mmammarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet, Noga, Nefeg, Yafia, Elisama, Eliada ne Elifelet.
 
Yeinom ne Dawid mmammarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabaa bi a wɔfrɛ no Tamar.
Salomo Asefoɔ
10 Na Salomo asefoɔ yɛ
Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
11 Yehoram, Ahasia, Yoas,
12 Amasia, Asaria, Yotam,
13 Ahas, Hesekia, Manase,
14 Amon ne Yosia.
15 Na Yosia mmammarima ne
Yohanan a ɔyɛ abakan,
Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu,
Sedekia a ɔtɔ so mmiɛnsa,
ɛnna Salum a ɔtɔ so ɛnan.
16 Yehoiakim babarima Yehoiakyin na ɔdii nʼadeɛ,
ɛnna ɔno nso ne wɔfa Sedekia bɛdii nʼadeɛ.
Yehoiakyin Asefoɔ
17 Yehoiakyin a Babiloniafoɔ kyeree no kɔtoo afiase no
mmammarima ne Sealtiel, 18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
19 Na Pedaia mmammarima yɛ
Serubabel ne Simei.
Na Serubabel mmammarima yɛ
Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabaa nso a ne din de Selomit. 20 Na ne mmammarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
21 Na Hanania mmammarima din de
Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
22 Na Sekania asefoɔ yɛ
Semaia ne ne mmammarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
23 Na Nearia mmammarima din de
Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
24 Na Elioenai mmammarima din de
Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.