26
Apono Ano Ahwɛfoɔ Nnwuma
Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no akuakuo:
 
Korafoɔ mu no:
yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ɔfiri Asaf abusua mu. Meselemia mmammarima yɛ:
Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔtɔ so mmienu,
Sebadia a ɔtɔ so mmiɛnsa, Yatniel a ɔtɔ so ɛnan.
Elam a ɔtɔ so enum, Yehohanan a ɔtɔ so nsia,
ne Eliehoenai a ɔtɔ so nson.
Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ:
Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu,
Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan,
Netanel a ɔtɔ so enum, Amiel a ɔtɔ so nsia,
Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.
Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu. Na wɔn edin ne:
Otni, Refael, Obed ne Elsabad;
na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.
Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.
Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.
 
10 Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.
11 Na ne mmammarima no bi ne:
Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa
ne Sakaria tɔ so ɛnan.
Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13).
 
12 Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no. 13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apono ahodoɔ ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirinhyia a obi adi, anaa nteteeɛ a wanya soɔ.
14 Wɔde apueeɛ ɛpono ho dwumadie no hyɛɛ Selemia ne ne ekuo nsa.
Atifi ɛpono ho dwumadie nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafoɔ Sakaria nsa.
15 Anafoɔ ɛpono* no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmammarima no hwɛɛ adekoradan no so.
16 Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔeɛ ɛpono no ne ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so.
 
Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
17 Ɛda biara, na wɔma Lewifoɔ baasia kɔ apueeɛ ɛpono no ho,
baanan kɔ atifi ɛpono no ho,
baanan nso akɔ anafoɔ ɛpono no ho,
na baanu baanu akokɔ adekoradan ahodoɔ no biara ho.
18 Ɛda biara, na wɔma baasia kɔ atɔeɛ ɛpono no ho. Baanan kɔ ɛkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adihɔ hɔ.
 
19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ a wɔfiri Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
Fotosanfoɔ Ne Adwumayɛfoɔ Nkaeɛ
20 Lewifoɔ a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fie sikakorabea ne adekoradan so.
21 Libni fie a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na ɔtua wɔn ano. 22 Yehieli mmammarima Setam ne ne nuabarima Yoɛl na na wɔhwɛ Awurade fie sikakorabea so.
 
23 Yeinom ne ntuanofoɔ a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefoɔ.
 
24 Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanin a ɔhwɛ sikakorabea no so. 25 Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafoɔ ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.
26 Selomot ne nʼabusuafoɔ na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapadeɛ a wɔde ama Awurade no so. Agyapadeɛ no bi ne deɛ Dawid ne mmusua ntuanofoɔ ne asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ de maa Awurade no. 27 Na saa mmarima yi de wɔn asadeɛ a wɔnyaa no akodie mu no bi baeɛ sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fie. 28 Afei, na Selomot ne nʼabusuafoɔ na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ nkɔmhyɛni, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkaeɛ a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.
29 Yishar abusua mu na Kenania firi.
Ɔne ne mmammarima na wɔyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfoɔ ne atemmufoɔ wɔ Israelman mu nyinaa.
30 Hebron abusua mu na Hasabia firi. Ɔne nʼabusuafoɔ a wɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ. 31 Bio, Hebron abusua mu na Yeria firi. Sɛdeɛ awoɔ ntoatoasoɔ nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfoɔ no ntuanoni.
(Dawid dii ɔhene no, ne mfeɛ aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wɔhunuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kuro Yaser a ɛwɔ Gilead mu. 32 Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem mmienu ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam, ma wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛdeɛ.)
* 26:15 26.15 Anafoɔ pono. Dawid ne Salomo ahemfie no na ɛwɔ asɔredan no anafoɔ fam. Saa anafoɔ pono no mu na na ɔhene no fa. Saa ɔpono yi anohwɛ dwumadie no yɛ animuonyamhyɛdeɛ ma Obed Edom. (26.4-6; Hes 46.1-10)