27
Asahene Ne Wɔn Akuo
Israelfoɔ akuo ahodoɔ no nie—mmusuapanin, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ a na wɔhwɛ asraafoɔ akuo ahodoɔ so de som ɔhene, a ekuo biara kɔ adwuma bosome baako wɔ afe mu. Na ɛdɔm a wɔwɔ ekuo biara mu nso dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:
 
Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ ekuo a ɛdi ɛkan no sahene, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛdi ɛkan wɔ afe no mu. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa so bosome a ɛdi ɛkan no mu.
Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmienu a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabadiakyire.
Ɔsɔfoɔ Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafoɔ akunini kuo, a na wɔfrɛ wɔn Akofoɔ Akɛseɛ Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabadiakyire.
Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so ɛnan, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so ɛnan mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000). Asahel babarima Sebadia na ɔdii nʼadeɛ.
Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so enum, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so enum mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
Ikes babarima Ira a ɔfiri Tekoa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nsia, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nsia mu no sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
10 Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ɔfiri Pelon no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nson, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nson mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
11 Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ɔfiri Husa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nwɔtwe, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
12 Abieser a na ɔfiri Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so nkron, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so nkron mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
13 Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ɔfiri Netofa no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so edu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so edu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
14 Benaia a ɔfiri Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dubaako, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dubaako mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
15 Heldai a ɔyɛ Otniel a ɔfiri Netofa aseni no na na ɔyɛ ekuo a ɛtɔ so dumienu, a na wɔkɔ adwuma bosome a ɛtɔ so dumienu mu no so sahene. Na ne ekuo no akodɔm dodoɔ yɛ mpem aduonu ɛnan (24,000).
Mmusuakuo No Ntuanofoɔ
16 Mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ nie:
 
Ruben abusuakuo: Sikri babarima Elieser;
Simeon abusuakuo: Maaka babarima Sefatia;
17 Lewi abusuakuo: Kemuel babarima Hasabia
Aaron (asɔfoɔ no) abusuakuo: Sadok;
18 Yuda abusuakuo: Dawid nuabarima Elihu;
Isakar abusuakuo: Mikael babarima Omri;
19 Sebulon abusuakuo: Obadia babarima Yismaia;
Naftali abusuakuo: Asriel babarima Yerimot;
20 Efraim abusuakuo: Asasia babarima Hosea;
Manase (atɔeɛ fam) abusuakuo: Pedaia babarima Yoɛl;
21 Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido;
Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel;
22 Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel.
 
Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ.
 
23 Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24 Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
Dawid Ahennie Mu Mpanimfoɔ
25 Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
26 Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.
27 Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so.
Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so.
28 Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
29 Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so.
Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so.
30 Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.
Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
31 Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.
Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.
 
32 Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
33 Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ.
Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.
34 Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so.
Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.