36
Afei, nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas ɔhene wɔ Yerusalem.
Yehoahas Di Ɔhene Wɔ Yuda
Ɛberɛ a Yehoahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa nanso, ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa pɛ. Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan afiri Yuda no na ɔtuu no adeɛ so. Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforɔ a ɔbɛdi Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas sɛ ɔdeduani de no kɔɔ Misraim.
Yehoiakim Di Ɔhene Wɔ Yuda
Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia dubaako. Nanso, ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ne Onyankopɔn ani so. Afei, Babiloniahene Nebukadnessar kɔɔ Yerusalem, kɔko faeɛ. Ɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yehoiakim de no kɔɔ Babilonia. Nebukadnessar faa ademudeɛ a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de kɔguu nʼahemfie wɔ Babilonia.
Yehoiakim ahennie ho nsɛm nkaeɛ, bɔne ahodoɔ a ɔyɛeɛ ne biribiara a wɔhunu tiaa no no wɔatwerɛ, agu Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Yehoiakyin Di Ɔhene Wɔ Yuda
Yehoiakyin bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, nanso ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem abosome mmiɛnsa ne dadu pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 10 Afe a ɛdi ɛkan wɔ bosome a ɛdi ɛkan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademudeɛ bebree firii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa ɛberɛ no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ ɔnni ɔhene wɔ Yuda ne Yerusalem.
Sedekia Di Ɔhene Wɔ Yuda
11 Ɛberɛ a Sedekia bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. 12 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Onyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim. 13 Afei, ɔsɔre tiaa ɔhene Nebukadnessar wɔ ɛberɛ a na waka ntam adi nse wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, ɔbɛdi no nokorɛ. Na Sedekia yɛ kyenkyenee ne asoɔden, na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Onyankopɔn ho. 14 Asɔfoɔ no ntuanofoɔ nyinaa ne ɔmanfoɔ no kɔɔ so yɛɛ mmaratofoɔ. Wɔyɛɛ abosonsomfoɔ a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛeɛ no bi, na wɔguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.
15  Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, somaa nʼadiyifoɔ sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma ne nkurɔfoɔ ne nʼAsɔredan no. 16 Nanso, nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfoɔ no ho fɛ, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wɔdii adiyifoɔ no ho fɛ ara kɔsii sɛ Awurade abufuhyeɛ turiiɛ a biribiara antumi annwodwo ano.
Yerusalem Asehweɛ
17 Enti, Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafoɔ no kunkumm Yuda mmabunu maa mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu. Na wɔannya ahummɔborɔ amma nnipa no. Wɔkunkumm mmɔfra ne mpanin, mmarima ne mmaa, ahoɔdenfoɔ ne ayarefoɔ. Onyankopɔn de wɔn nyinaa maa Nebukadnessar. 18 Ɔhene no sane sesaa nneɛma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademudeɛ a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔeɛ. 19 Afei, nʼakodɔm no too Onyankopɔn Asɔredan no mu ogya, bubuu Yerusalem afasuo no, hyee ahemfie no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ boɔ no.
20 Nnipa kakra a wɔkaeɛ no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, maa wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmammarima asomfoɔ kɔsii sɛ Persia ahennie bɛdii tumi. 21 Enti, Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kaeɛ no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegyeɛ, ɛdaa mpan mfirinhyia aduɔson sɛdeɛ odiyifoɔ no kaeɛ no.
Kores Gya Nnommumfoɔ Ɛkwan
22 Persiahene Kores adedie afe a ɛdi ɛkan mu no, Awurade maa odiyifoɔ Yeremia nkɔmhyɛ baa mu. Ɔkaa Kores akoma ma ɔtwerɛ bɔɔ no dawuro wɔ nʼahennie nyinaa mu sɛ,
23 “Sɛdeɛ Persiahene Kores ka nie:
“ ‘Awurade, ɔsorosoro Onyankopɔn de ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Israel nkɔdi saa dwuma yi. Awurade, mo Onyankopɔn nka mo ho.’ ”