Ɛsra Nwoma
1
Yuda Nnommumfoɔ Sane Ba Yerusalem
Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.
Sɛdeɛ Persiahene Kores* ka nie:
Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho. Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no.
Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma sɛ, wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no. Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.
Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ. Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.
 
Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ:
 
sikakɔkɔɔ nsiaseɛ 30
dwetɛ nsiaseɛ 1,000
dwetɛ ɔhyeɛsɛn 29
10 sikakɔkɔɔ atam 30
dwetɛ atam 410
nneɛma a ɛkeka ho 1,000
 
11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).
 
* 1:2 1.2 Na Kores Ahemman no trɛ firi India kɔsi Misraim, ɛtoaa so firi hɔ Ɛpo Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kɔsi Etiopia.