5
Wɔde Apam Adaka No Kɔ Asɔredan No Mu
Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.
Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi wɔ Dawid kuro a na wɔsane frɛ hɔ Sion no, de kɔ beaeɛ foforɔ wɔ Asɔredan no mu hɔ. Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim.
Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu. Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.
Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ, de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase. Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. Na nnua no woware yie; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 10 Na biribiara nni adaka no mu sɛ aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb wɔ ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no.
11 Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho. 12 Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13 Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade sɛ:
“Ɔyɛ!
Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”
Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14 Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.