6
Salomo Hyira Nnipa No
Afei, Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, woaka sɛ, wobɛtena omununkum kusuu mu. Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wobɛtumi atena afebɔɔ.”
Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, ‘Ɛfiri da a meyii me nkurɔfoɔ firii Misraim no, menyii kuropɔn biara mfirii Israel mmusuakuo no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔsi Asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Ɛnna nso, menyii ɔhene biara sɛ ɔnni me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim. Nanso, afei, mayi Yerusalem sɛ kuropɔn, ne Dawid sɛ ɔhene.’ ”
Afei, Salomo kaa sɛ, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔsi saa Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi asɔredan de hyɛ me din animuonyam nanso, ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’
10 “Na afei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, masi mʼagya anan mu sɛ ɔhene. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. 11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a Awurade ne Israelfoɔ yɛeɛ no hyɛ.”
Salomo Bɔ Mpaeɛ Bue Asɔredan No Ano
12 Na Salomo pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia ne Israel manfoɔ no nyinaa anim. 13 Na wabɔ kɔbere mfrafraeɛ apa a nʼatweeɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nson ne fa, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa, de asi asɔredan no adihɔ mfimfini. Ɔgyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Ɔbuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ soro. 14 Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛdeɛ nyinaa. 15 Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
16 “Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’ 17 Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ Dawid no so.
18 “Ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohoa mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masie yi bɛtumi akora wo. 19 Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao Awurade, me Onyankopɔn. Tie osufrɛ ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ no. 20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpaeɛ a mebɔ wɔ ha no. 21 Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ adebisa a me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ ha de to wʼanim no. Aane, tie yɛn firi soro baabi a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ.
22 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a, 23 tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no.
24 “Sɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔn atamfoɔ di wɔn so nkonim na wɔsane ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu a, 25 tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
26 “Sɛ wo nkurɔfoɔ yɛ bɔne tia wo, na ɛno enti wɔto ɔsoro mu na osuo antɔ na wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a, 27 tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so.
28 “Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no, 29 sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, 30 tie firi ɔsoro deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfoɔ no ma wɔn, ɛfiri sɛ, wo nko ara na wonim onipa akoma mu. 31 Ɛno akyi wɔbɛsuro wo na wɔanante wʼakwan so mmerɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
32 “Na sɛ ananafoɔ te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no, na wɔfiri akyirikyiri bɛsom wo din kɛseɛ no, bɔ mpaeɛ de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, 33 tie firi soro deɛ wote hɔ, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahunu, asuro wo, sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masie yi so.
34 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ sɛ wɔmfiri adi nkɔko ntia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ wo mpaeɛ firi kuro yi a woayi, ne saa asɔredan yi a masi de wo din ato so yi mu a, 35 tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn.
36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn ama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. 37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’ 38 na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi ho a, 39 tie wɔn mpaeɛbɔ no firi soro, deɛ woteɛ hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfoɔ ayɛ atia wo no kyɛ wɔn.
40 “Ao me Onyankopɔn, tie mpaeɛ a wɔbɔ no wɔ ha no nyinaa.
41 “Afei, Ao Awurade Onyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea,
a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abɛsi no.
“Ao Awurade Onyankopɔn, ma nkwagyeɛ mmra wʼasɔfoɔ so,
na wʼahotefoɔ nnya wʼayamyɛ mu anigyeɛ.
42 “Ao Awurade Onyankopɔn, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
Kae ɔdɔ a ɛtoɔ ntwa da, a wode dɔɔ wo ɔsomfoɔ Dawid no.”