11
Israel Nkaeɛfoɔ
Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu. Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ, “Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔkum me.” Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.” Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn. Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.
Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ,
ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ
aso a ɛmma wɔnnte asɛm,
de bɛsi ɛnnɛ.”
Na Dawid ka sɛ,
“Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie
na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ;
na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.”
11 Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu. 12 Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?
13 Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho. 14 Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa. 15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ. 16 Sɛ wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.
17 Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi. 18 Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini. 19 Na mobɛka sɛ, “Ɛyɛ, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.” 20 Aane, nanso monkae sɛ wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie. 21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?
22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam yɛ ma mo wɔ ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo. 23 Na sɛ Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa. 24 Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ sɛ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho.
Onyankopɔn Ahummɔborɔ Wɔ Hɔ Ma Obiara
25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa. 26 Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho?
“Agyenkwa no bɛfiri Sion aba,
na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu.
27 Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so
na mapepa wɔn bɔne.”
28 Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti, 29 ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa. 30 Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom. 31 Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no. 32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara.
Awieeɛ
33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ!
Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ,
na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam.
34 “Hwan na ɔnim Awurade adwene
anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”
35 “Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane
a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”
36 Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio.
Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen.