10
Gyidie Ne Bɔneka
Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ. Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu. Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.
Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.” Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. 10 Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ. 11 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.” 12 Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. 13 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.”
14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”
16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17 Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18 Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ:
“Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,
na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”
19 Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ,
“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.
Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”
20 Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ,
“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me;
medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”
21 Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ,
“Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu
ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”