4
Wɔgyina Abraham Gyidie So Bu No Bem
Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ? Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu. Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ:
“Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a
AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.” 10 Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ. 11 Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia. 12 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so. 14 Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ, 15 ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
16 Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya. 17 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
18 Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no. 19 Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma. 20 Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn. 21 Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no. 22 Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no. 23 Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara. 24 Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no. 25 Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.