5
Asomdwoeɛ Ne Anigyeɛ
Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ. Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam. Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba. Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ. Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no. Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu. 10 Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa. 11 Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
Adam Yɛ Owuo Farebae, Kristo Yɛ Nkwa Farebae
12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta. 14 Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso.
15 Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no. 16 Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ. 17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu.
18 Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa. 19 Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso, 21 enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba.