7
Wɔde Awadeɛ Yɛ Mfatoho
Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so. Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio. Ɛno enti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.
Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn. Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.
Yɛne Bɔne Di Apereapereɛ
Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ. Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi. Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ. 10 Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ. 11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me. 12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na mmaransɛm no nso yɛ kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso.
13 Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu sɛ bɔne yɛ adeɛ a ɛyɛ hu.
14 Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne. 15 Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi. 16 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ. 17 Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no. 18 Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ. 19 Papa mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ. 20 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
21 Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ. 22 Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu. 23 Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara. 24 Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi? 25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase.
Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.