6
Nkwa Wɔ Kristo Mu
Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Yɛbɛkɔ so atena bɔne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adom bɛdɔɔso anaa? Ɛnte saa koraa! Yɛawu ama bɔne, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tena bɔne mu? Anaa monnim sɛ ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wuo mu? Ɛberɛ a wɔbɔɔ yɛn asu no, yɛwuiɛ, na wɔsiee yɛn ne Kristo. Sɛdeɛ Agya Onyankopɔn nam nʼanimuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu baa nkwa mu no, saa ara nso na seesei yɛte ase wɔ nkwa foforɔ mu.
Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ne wuo mu a, wɔbɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so anyane yɛn aba nkwa mu, na yɛne no ayɛ baako. Yɛnim sɛ wɔbɔɔ yɛn nipadua dada no ne Kristo asɛnnua mu. Wɔyɛɛ yei sɛdeɛ nipadua dada a ɛyɛ bɔne no renyɛ bɔne nkoa bio, ɛfiri sɛ, sɛ onipa wu a, na wɔayi no afiri bɔne tumi ase.
Sɛ yɛne Kristo awu a, yɛwɔ gyidie sɛ yɛne no bɛtena. Ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ wɔanyane Kristo afiri owuo mu na ɔrenwu bio. Owuo nni ne so tumi bio. 10 Owuo a ɔwuiɛ no, ɔwuu prɛko maa bɔne, na ase a ɔte yi, ɔte ase ma Onyankopɔn.
11 Ɛno enti, saa ɛkwan korɔ ara so no, ɛsɛ sɛ mofa mo ho sɛ moawu ama bɔne, na mote ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu. 12 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo nipadua a ɛwuiɛ no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso, ɛnsɛ sɛ mogyaa mo honam akwaa biara ma bɔne sɛ nneɛma a wɔde di amumuyɛsɛm. Na mmom, momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ nnipa a wɔanyane mo afiri owuo mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ tenenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ sɛ bɔne di mo so, ɛfiri sɛ monnhyɛ mmara ase, na mmom, mohyɛ adom ase.
Tenenee Nkoa
15 Ɛdeɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne anaa? Dabi! 16 Monnim sɛ, deɛ motie no ara na ne nkoa ne mo anaa? Sɛ ɛyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu, anaasɛ ɔsetie a ɛde kɔ tenenee mu. 17 Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afiri bɔne mu ma moabɛyɛ nkoa ama tenenee.
19 Esiane mo nipasu enti, mede nkoasom ho mfonitwa reboa mo ama moate yeinom nyinaa ase. Sɛdeɛ mmerɛ bi mode mo ho nyinaa maeɛ sɛ afideɛ ne amumuyɛsɛm nkoa no, afei deɛ momfa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ kronkronyɛ mu. 20 Ɛberɛ a na moyɛ bɔne nkoa no, na teneneeyɛ nni mo so tumi. 21 Moyɛɛ nneɛma a afei deɛ mo ani wu wɔ ho no, mfasoɔ bɛn na monyaeɛ? Deɛ ɛkɔwieɛ ne owuo. 22 Nanso, seesei wɔagye mo afiri owuo mu ama moabɛyɛ Onyankopɔn nkoa. Mfasoɔ a monya wɔ mu no kɔ kronkronyɛ mu, na deɛ ɛfiri mu ba yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ. 23 Na bɔne so akatua yɛ owuo, nanso Onyankopɔn akyɛdeɛ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ, wɔ Kristo Yesu yɛn AWURADE mu.