9
Onyankopɔn Ne Ne Manfoɔ
Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ. Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ. Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho. Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen.
Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ. Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.” Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo. Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
10 Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak. 11 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti, 12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so, 13 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no.
14 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi! 15 Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ,
“Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ,
na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.”
16 Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so. 17 Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.” 18 Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
19 Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?” 20 Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?” 21 Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
22 Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn. 23 Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ. 24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso. 25 Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ,
“Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’,
na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’ ”
26 na
“Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no,
ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’ ”
27 Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ,
“Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a,
wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa.
28 Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara,
ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
29 Yesaia nso kaa sɛ,
“Sɛ Awurade Otumfoɔ no
annya yɛn asefoɔ a,
anka yɛayɛ sɛ Sodom,
na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.”
Israel Nnye Nni
30 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ; 31 Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu. 32 Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no. 33 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,
“Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion
ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase,
na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”