14
Absalom Sane Ba Yerusalem
Na Yoab hunuu sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔhunu Absalom. Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no.” Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ sɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.
Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam sɛ, “Ao Nana! Boa me!”
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɛyɛ asɛm bɛn?”
Ɔbuaa no sɛ, “Meyɛ okunafoɔ. Me mma baanu kɔdii ako wɔ akono. Na ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako. Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa sɛ, ‘Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri sɛ, woakum ne nuabarima. Ɔmfata sɛ ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.’ Na sɛ meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera wɔ asase so ha.”
Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae asɛm no ma me. Kɔ efie na mɛhwɛ sɛ obiara remfa ne nsa nka no.”
Ɔkaa sɛ, “Ao, me wura, meda wo ase. Na sɛ mmoa a woaboa me yi enti, sɛ obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no.”
10 Ɔhene no kaa sɛ, “Mma yei nha wo. Sɛ nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me wɔ ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu sɛ, obiara nwiinwii wɔ ho bio.”
11 Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me sɛ, woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio.”
Ɔhene no nso kaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka.”
12 Afei, ɔbaa no kaa sɛ, “Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene.”
Ɔbuaa sɛ, “Kɔ so kasa.”
13 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie. 14 Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa.
15 “Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me, 16 na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’
17 “Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ ”
18 Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.”
Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?”
19 Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?”
Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20 Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ.”
21 Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”
22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.”
23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi sɛ, “Absalom tumi kɔ ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha.” Enti, Absalom anhunu ɔhene no.
Absalom Ne Dawid Nkabom
25 Israel nyinaa, na obiara nni hɔ a ne ho yɛ fɛ, te sɛ Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu sɛ ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26 Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.
27 Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da. 29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30 Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu.” Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?”
32 Na Absalom buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ wokɔbisa ɔhene ma me sɛ, adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ sɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, sɛ anka metenaa me dada mu hɔ ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na sɛ medi fɔ wɔ biribi ho a, ɔtumi kum me.”
33 Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.