15
Absalom Atuateɛ
Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa sɛ wɔbɛdi nʼanim. Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na sɛ nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim sɛ ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. Na Absalom bɛka sɛ, “Wʼasɛm yɛ dɛ deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie. Sɛ meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn.”
Sɛ nnipa pɛ sɛ wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, yɛ wɔn atuu. Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa wɔ nʼafa.
Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no. Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’ ”
Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ, kɔ na kɔdi wo bɔhyɛ so.” Enti, Absalom kɔɔ Hebron.
 
10 Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne sɛ, “Sɛ mote totorobɛnto nne pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom adi ɔhene wɔ Hebron.’ ” 11 Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee. 12 Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den.
Dawid Dwane Firi Yerusalem
13 Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Israel nyinaa atu di Absalom akyi sɛ wɔayɛ dɔm atia wo.”
14 Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.”
15 Nʼafotufoɔ no buaa sɛ, “Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛ.”
16 Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko pɛ a wannya biribiara wɔ akyire sɛ ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. 17 Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18 maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no yɛ Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.
19 Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. 20 Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.”
21 Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.”
22 Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.
23 Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so.
24 Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ.
25 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. 26 Nanso, sɛ ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no.”
27 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ, “Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28 Mɛtwɛn wɔ faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan kɔ ɛserɛ no so hɔ kɔsi sɛ mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so.” 29 Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa hɔ.
30 Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no. 31 Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”
32 Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no. 35 Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar wɔ hɔ. Ka adwene a wɔafa wɔ me ho, pɛ sɛ wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36 na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me.”
37 Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu hɔ berɛ korɔ no a Absalom nso duruu hɔ no mu.