7
Onyankopɔn Hyɛ Dawid Ɛbɔ
Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no, Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.”
Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so sɛ,
“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ sɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa? Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ. Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?” ’
“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene. Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so. 10 Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no, 11 ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.
“ ‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie. 12 Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase. 13 Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ. 14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso. 15 Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no. 16 Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’ ”
17 Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.
Dawid Aseda Mpaeɛbɔ
18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,
“Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ? 19 Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ?
20 “Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. 21 Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.
22 “Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! 23 Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ. 24 Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
25 “Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 26 Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Israel so Onyankopɔn.’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wɔ wʼanim.
27 “Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me. 28 Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho bɔ. 29 Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira.”