8
Dawid Akodie Mu Nkonimdie
Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛseɛ no.
Dawid sane dii Moabfoɔ* so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde ahoma susuu wɔn. Ɔsusu ahoma no mmienu a, na wakyerɛ sɛ wɔnkum saa nnipa no. Ɛnna ɔsusu ahoma no baako a, na wakyerɛ sɛ wɔnnyaa saa nkurɔfoɔ no. Enti, Moabfoɔ a wɔnyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfoɔ a na afe biara wɔyi ɛtoɔ brɛ no.
Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den. Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ.
Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu. Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkuro no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔɔeɛ.
Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser akodɔm no ase pasaa no, 10 ɔsomaa ne babarima Yoram wɔ Dawid nkyɛn, bɛkyiaa no maa no amo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfoɔ firi teteete a wɔako atia wɔn ho mpɛn bebree. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafraeɛ.
11 Ɔhene Dawid too akyɛdeɛ no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔnya firii aman bi a ɔdii wɔn so no nyinaa ka ho. 12 Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne deɛ ɛfiri Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
13 Yei maa Dawid gyee edin. Ɔsane nʼakyi kɔeɛ no, ɔkunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa mu. 14 Ɔde akodɔm bansifoɔ siisii Edom nyinaa ano. Na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ nhwɛsoɔ foforɔ a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii no baabiara a ɔkɔeɛ no.
15 Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene, na ɔne obiara tenaa yie. 16 Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. 17 Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Na Seraia yɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. 18 Yehoiada babarima Benaia na na ɔdi Keretifoɔ ne Peletifoɔ so, ɛnna Dawid mmammarima tua asɔfodɔm ano.
* 8:2 8.2 Na Moabfoɔ no yɛ Lot asefoɔ (1 Mose 19.37) a wɔtenaa Nkyene Po no apueeɛ fam. Saa berɛ no na Saulo adi wɔn so dada (1 Sam 14.47). Ɛberɛ a Dawid wɔ asutwa mu no, ɔmaa nʼabusuafoɔ kɔtenaa Moab (1 Sam 22.3-4). Dawid agyanom firi Moab (Rut 1.22; 4.22). 8:17 8.17 Sadok yɛ Eleasa aseni. Ɔdii Dawid nokorɛ na akyire yi, ɔsraa Salomo ngo sɛ ɔnni Dawid adeɛ sɛ ɔhene. 8:18 8.18 Na Keretifoɔ ne Peletifoɔ yɛ ahɔhoɔ asraafoɔ a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifoɔ no ase firi Krete ɛnna Peletifoɔ no nso ase firi Filistia. Wɔtaa bɔ saa akuo mmienu yi din sɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn adehyeɛ.