4
Aberanteɛ:
Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ!
Ao, wo ho yɛ fɛ!
Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma.
Wo nwi te sɛ mpapokuo a
wɔresiane Gilead Bepɔ.
Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,
a wɔfiri adwareɛ.
Wɔnam mmienu mmienu
na wɔn mu biara nyɛ ankonam.
Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma;
wʼano yɛ fɛ.
Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu
te sɛ ateaa aduaba fa.
Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,
a wɔasi no fɛɛfɛ;
na akokyɛm apem sensɛn ho,
a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm.
Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu,
atwe mma ntafoɔ a
wɔdidi wɔ sukooko mu.
Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye,
ama sunsum adwane no,
mɛkɔ kurobo bepɔ
ne aduhwam nkokoɔ no so.
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa;
wo ho nni ɛdɛm biara.
 
Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ,
wo ne me mfiri Lebanon nkɔ.
Siane firi Amana atifi bra,
firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,
firi agyata buo mu
ne mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.
Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ;
woagye mʼakoma abɔ so
wode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ,
ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.
10 Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ!
Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa,
na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara.
11 Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ;
nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase.
Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ.
12 Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;
woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano.
13 Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaa
a ɛso aba pa,
ahuahaa ne nnuannua,
14 nnuannua ne mmɛtire,
osiko ne sinamon,
a ohwamfufuo nnua hodoɔ,
kurobo ne dupapoɔ
ne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho.
15 Woyɛ turo mu asubura.
Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi mu
sane firi Lebanon.
Ababaawa:
16 Sɔre, atifi fam mframa!
Bra, anafoɔ fam mframa!*
Bɔ fa me turo mu,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ.
Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu
na ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.
* 4:16 4.16 Mframa a ɛbɔ firi atifi fam no mu dwo enti ɛma nnuaba yɛ foforɔ daa. Mframa a ɛbɔ firi anafoɔ fam no mu yɛ hye na ɛma nnuaba no bere. Ne mmienu ka bɔ mu a, ɛma mframa a ɛyɛ hwam fa turo no mu.