5
Aberanteɛ:
Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;
maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano.
Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ;
manom me bobesa ne me nufosuo.
Nnamfonom:
Ao, nnamfonom, monnidi na monnom;
Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.
Ababaawa:
Medaeɛ nanso mʼakoma anna.
Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu;
“Bue me, me nuabaa, me dɔ,
mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.
Obosuo afɔ me tirim,
anadwo mu bosuo afɔ me nwi.”
Maworɔ mʼatadeɛ,
mensane mfa nhyɛ anaa?
Mahohoro me nan ase,
memma ho nyɛ fi bio anaa?
Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no
mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.
Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ,
na me nsa ho kurobo
ne me nsateaa ho aduhwam,
yɛɛ apratwom no ho.
Mebue maa me dɔfoɔ no,
nanso na ɔkɔ.
Ne korɔ no maa me ho dwirii me.
Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara.
Mefrɛɛ no nanso wannye me so.
Awɛmfoɔ no hunuu me
ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu.
Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;
wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ
saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!
Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo,
sɛ mohunu me dɔfoɔ no a,
asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?
Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.
Nnamfonom:
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?
Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a
enti wohyɛ yɛn sei?
Ababaawa:
10 Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,
wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.
11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;
ne tiri so nwi yɛ kuhaa,
na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.
12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a
ɔgyina asuwa bi ho;
ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no,
na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.
13 Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ.
Ɛho hwa te sɛ aduhwam.
Nʼanofafa te sɛ sukooko
a ɛsosɔ kurobo.
14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa
a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu.
Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho
na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.
15 Ne nan te sɛ abohemaa afadum a
ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so.
Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a
ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.
16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;
ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.
Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie,
Ao, Yerusalem mmammaa.