7
Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,
Ao, ɔdehyeɛ babaa!
Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa,
odwumfoɔ nsa ano adwuma.
Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa
a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara.
Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano
na sukooko atwa ho ahyia.
Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu,
adabɔ mma ntafoɔ.
Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.
Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ
a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn.
Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten
a ɛkyerɛ Damasko no.
Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ.
Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ;
wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.
Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ,
wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka.
Wo siberɛ te sɛ abɛ dua,
na wo nufu te sɛ aduaba siaka.
Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no;
na masɔ nʼaba mu.”
Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka,
na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ.
Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa.
Ababaawa:
Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee,
ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
10 Meyɛ me dɔfoɔ dea,
na nʼapɛdeɛ ne me.
11 Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase,
ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako.
12 Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛm
nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne,
sɛ nhyerɛnne no apaapae,
anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
13 Adasoa yi ne hwa,
na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano,
foforɔ ne dada,
a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.