6
Nnamfonom:
Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ
mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?
Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,
na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Ababaawa:
Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu,
faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ,
ɔkɔkyinkyini turo no mu
akɔboaboa sukooko ano.
Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no;
ɔkyinkyin sukooko no mu.
Aberanteɛ:
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,*
wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,
wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.
Ɛnhwɛ me saa;
wo ma me yɛ basaa.
Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a
wɔresiane firi Gilead.
Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,
a wɔfiri adwareɛ.
Wɔnam mmienu mmienu
na wɔn mu biara nyɛ ankonam.
Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu
te sɛ ateaa aduaba fa.
Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,
mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,
ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;
ɔno nko ara ne ne maame babaa,
ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.
Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;
ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.
Nnamfonom:
10 Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi,
ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia,
nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Aberanteɛ:
11 Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ
sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,
sɛ bobe no agu nhyerɛnne
anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
12 Mʼani baa me ho so no
na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.
Nnamfonom:
13 Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;
Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!
Aberanteɛ:
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa
sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?
* 6:4 6.4 Tirsa yɛ Kanaan tete kuro bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkuro wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kɔsi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.