16
Hiob Mmuae
Afei Hiob buae se,
“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ eyinom;
na mo nyinaa moyɛ ogyamserewfo!
So mo kasa tenten no remma awiei ana?
Dɛn na ɛhaw mo nti a mugu so regye akyinnye yi?
Anka me nso metumi akasa sɛ mo,
sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,
anka metumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo
na mabu mo animtiaa.
Nanso anka mɛhyɛ mo den;
anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.
 
“Nanso sɛ mekasa a ɔyaw a mete no remmrɛ ase;
na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.
Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ
woasɛe me fi pasaa.
Woakyekyere me, ama abɛyɛ adansedi;
me so tew ara na ɛtew na edi adanse tia me.
Onyankopɔn tow hyɛ me so tetew me wɔ nʼabufuw mu
na ɔtwɛre ne se gu me so;
nea ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;
wɔbɔ me sotɔre de bu me animtiaa
na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
11 Onyankopɔn de me ama abɔnefo
watow me ato amumɔyɛfo nsam.
12 Na biribiara kɔ yiye ma me, nanso ɔdwerɛw me;
osoo me kɔn mu, tow me hwee hɔ.
Ɔde me asi nʼani so;
13 nʼagyantowfo atwa me ho ahyia,
ohwirew mʼasaabo mu a wanhu me mmɔbɔ
maa me bɔnwoma petee fam.
14 Ɔba me so bere biara;
na ɔtow hyɛ me so sɛ ɔkofo.
 
15 “Mapam atweaatam akata me were so
na masie mʼanintɔn wɔ mfutuma mu.
16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;
sunsuma kabii atwa mʼani ho ahyia,
17 nanso me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara
na me mpaebɔ yɛ kann.
 
18 “Asase, nkata me mogya so;
na mma me sufrɛ to ntwa da!
19 Mprempren mpo, me danseni wɔ ɔsoro;
me kamafo wɔ soro hɔ.
20 Me dimafo yɛ mʼadamfo
bere a mʼaniwa tew nisu gu Onyankopɔn so yi;
21 ogyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim
sɛnea obi di ma nʼadamfo no.
 
22 “Mfe kakraa bi akyi
ansa na metu kwan akɔ koransan.