17
Me honhom atɔ beraw,
me nna so atwa,
na ɔda retwɛn me.
Ampa ara fɛwdifo atwa me ho ahyia;
ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn atutuwpɛ.
 
“Ao Onyankopɔn, hyɛ me bɔ a wuhia.
Hena bio na ɔbɛma me bammɔ?
Wɔato wɔn adwene mu a wɔnte asɛm ase;
enti woremma wonni nkonim.
Sɛ obi sopa ne nnamfonom de gye akatua a,
ɛbɛhwere ne mma aniwa.
 
“Onyankopɔn de me ayɛ asɛm a ɛda obiara ano,
obi a wɔte ntasu gu nʼani so.
Awerɛhow ama mʼani ayɛ siamoo
me nipadua nyinaa yɛ sunsuma.
Ɛyɛ atreneefo nwonwa;
wɔn a wodi bem tia wɔn a wonni nyamesu.
Nanso atreneefo bɛkɔ wɔn anim,
na wɔn a wɔn nsa ho tew no bɛkɔ so anya ahoɔden.
 
10 “Mo nyinaa monsan mmra mmɛsɔ nhwɛ!
Na merennya onyansafo wɔ mo mu.
11 Me nna atwa mu, me nhyehyɛe apansam.
Nanso me koma apɛde
12 ma anadwo dan awia;
sum mu koraa no hann bɛn.
13 Sɛ ofi a mʼani da so nkutoo ne ɔda,
sɛ mesɛw me kɛtɛ wɔ sum mu,
14 sɛ meka kyerɛ porɔwee se, ‘Wo yɛ mʼagya,’
ne osunson se, ‘Me na’ anaa ‘Me nuabea’ a,
15 na afei mʼanidaso wɔ he?
Hena na obetumi anya anidaso bi ama me?
16 Ebesian akɔ owu pon ano ana?
Yɛn nyinaa besian akɔ mfutuma mu ana?”