23
Hiob Mmuae
Na Hiob buae se,
“Nnɛ mpo, mʼanwiinwii mu da so yɛ den;
ne nsa ayɛ den, mʼapinisi nyinaa akyi.
Sɛ minim baabi a mehu no;
anaasɛ metumi akɔ ne tenabea a
anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim
na magye akyinnye bebree.
Anka mɛte mmuae a ɔde bɛma me,
na madwen nea ɔbɛka ho.
Ɔbɛsɔre atia me dennen ana?
Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.
Ɛhɔ de, nnipa trenee betumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,
na wobegye me afi me temmufo nsam afebɔɔ.
 
“Nanso sɛ mekɔ apuei fam a onni hɔ;
sɛ mekɔ atɔe fam nso a minhu no.
Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a minhu no;
sɛ ɔdan ne ho kɔ anafo fam a, mʼani nhye ne ho.
10 Nanso onim ɔkwan a menam so;
na sɛ ɔsɔ me hwɛ a mepue sɛ sikakɔkɔɔ.
11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;
na manantew nʼakwan so a mamman.
12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho,
mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.
 
13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no?
Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.
14 Ɔde ne mmaransɛm di dwuma tia me;
ɔda so kora nhyehyɛe a ɛte sɛɛ bebree.
15 Ɛno nti na mebɔ hu wɔ nʼanim;
na sɛ midwen eyinom nyinaa ho a, misuro no.
16 Onyankopɔn ama me koma abotow;
Otumfo ama mabɔ huboa.
17 Nanso sum no mma menka mʼano nto mu,
sum kabii a ɛkata mʼanim no.