24
“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?
Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye;
na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.
Wɔpam ayisaa mfurum
na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.
Wosum ahiafo fi kwan so
na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.
Sɛnea sare so mfurum yɛ no
saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan;
asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.
Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so
na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.
Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo;
wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.
Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam
na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.
Wɔtew ayisaa fi nufu ano;
na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.
10 Wɔnenam adagyaw a wonni ntama;
wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.
11 Wokyi ngo wɔn adan mu;
wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.
12 Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu,
na apirafo kra su pɛ mmoa.
Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
 
13 “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,
wɔn a wonnim nʼakwan
anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.
14 Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre
na okum ohiani ne mmɔborɔni;
anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.
15 Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri;
ɔka se, ‘obiara renhu me,’
na ɔde nʼanim hintaw.
16 Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu,
na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu;
wɔne hann nni hwee yɛ.
17 Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa;
wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
 
18 “Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani;
wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,
enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.
19 Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no,
saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no.
20 Awotwaa werɛ fi wɔn,
na osunson di wɔn nam;
nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio
na mmom wobubu te sɛ dua.
21 Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam,
na wonhu akunafo mmɔbɔ.
22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ;
ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.
23 Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu,
nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
24 Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio;
wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;
wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.
 
25 “Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye
na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”