25
Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa
Na Suhini Bildad buae se,
“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;
ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
Wobetumi akan nʼakofo ana?
Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?
Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim?
Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?
Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn
na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,
na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa,
onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”