26
Hiob Kyerɛ Nyankopɔn Kɛseyɛ
Na Hiob kasaa bio se,
“Woaboa nea onni tumi!
Woagye basa a enni ahoɔden!
Woatu nea onnim nyansa fo!
Na woada nhumu pa ara adi!
Hena na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?
Hena honhom na ɛkasa faa wo mu?
 
“Awufo wɔ ahoyeraw kɛse mu,
wɔn a wɔwɔ nsu ase ne nea ɛte mu nyinaa.
Asaman da adagyaw Onyankopɔn anim;
Ɔsɛe nso nni nkataso.
Ɔtrɛw wim atifi fam kata nea ɛda mpan so;
na ɔde asase sensɛn ohunu so.
Ɔbɔ nsu boa hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsu no mu duru ntumi mpae no.
Ɔtrɛw ne omununkum mu
de kata ɔsram ani.
10 Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so
de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.
11 Ɔsoro nnyinaso wosow,
na nʼanimka ma wɔn ho dwiriw wɔn.
12 Ɔde ne tumi wosow po
ne nyansa mu, otwitwaa Rahab mu asinasin.
13 Ɔde ne home maa wim tewee;
na ne nsa wɔɔ ɔwɔ a ɔrewea.
14 Eyinom yɛ ne nnwuma kakraa bi;
ne tumi kakraa bi kɛkɛ!
Na hena na obetumi ate ne tumi mmubomu no ase?”