27
Hiob toaa nʼasɛm so se,
“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, nea wammu me atɛntrenee no,
Otumfo a wama madi me kra mu awerɛhow,
mmere dodow a nkwa wɔ me mu,
na Onyankopɔn home wɔ me mu yi,
mʼano renka amumɔyɛsɛm,
na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
Merennye nto mu da sɛ nea woka no yɛ nokware;
merenka me mudi nhyɛ, kosi sɛ mewu.
Mekura me trenee mu, merennyaa mu;
sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
 
“Ma mʼatamfo nyɛ sɛ amumɔyɛfo,
na wɔn a wokyi me nyɛ sɛ atorofo.
Anidaso bɛn na wɔn a wonni nyamesu no wɔ wɔ wɔn wu akyi,
bere a Onyankopɔn agye wɔn nkwa afi wɔn nsam no?
So Onyankopɔn tie wɔn sufrɛ
bere a amanehunu aba wɔn so no ana?
10 So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu?
Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?
 
11 “Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;
meremfa Otumfo no akwan nhintaw.
12 Mo ankasa moahu eyinom nyinaa.
Afei nsɛnhunu yi ase ne dɛn?
 
13 “Eyi ne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumɔyɛfo,
agyapade a otirimɔdenfo nya fi Otumfo no nkyɛn:
14 Sɛ ɔwɔ mma dodow dɛn ara, wɔn nkrabea ne afoa;
na nʼasefo rennidi mmee da.
15 Ɔyaredɔm besie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,
na wɔn akunafo rensu wɔn.
16 Ɛwɔ mu sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfutuma
na ɔboa ntama ano sɛ dɔte,
17 nea ɔpɛ gu hɔ no, atreneefo na wobefura
na pɛpɛyɛfo no nso akyekyɛ dwetɛ no.
18 Ofi a osi no te sɛ ananse abubummaba,
ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfo abɔ.
19 Ɔda hɔ te sɛ ɔdefo, nanso ɔrenna saa bio;
ɔbɛtew nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
20 Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyiri;
ahum hwim no kɔ anadwo.
21 Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio;
ɛtwe no fi ne tenabea.
22 Ɛbɔ no a ahummɔbɔ nni mu
bere a ɔreguan afi ne tumi ase.
23 Ɔde fɛw bɔ ne nsam
na ɔpam no fi ne tenabea.”