28
“Beae a wotu dwetɛ wɔ hɔ
ne beae a wɔnan sika kɔkɔɔ.
Wotu dade fi fam,
na wɔnan kɔbere fi dadebo mu.
Onipa ma sum ba awiei;
na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu
kɔhwehwɛ dadebo wɔ sum kabii mu.
Wɔde fagudetu afiri hyɛ beae a ɛmmɛn ɔdesani atenae,
mmeae a nnipa anan nsii hɔ da,
baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na wodi aforosian.
Asase a ɛbɔ aduan no,
wɔdan ase no te sɛ nea wɔde ogya na ayɛ;
hoabo fi nʼabotan mu
na sikakɔkɔɔ mpɔw nso wɔ ne mfutuma mu.
Ɔkɔre biara nnim saa kwan a ahintaw no,
akoroma biara ani nhuu ɛ.
Mmoa ahantanfo nsi hɔ
na gyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ.
Onipa nsa paapae abotan dennen
na ɔma mmepɔw ase da hɔ.
10 Otwa aka fa abotan mu,
na ohu nʼademude nyinaa.
11 Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔnten ti wɔ
na ɔda nneɛma a ahintaw adi.
 
12 “Nanso ɛhe na yebehu nea nyansa hyɛ?
Ɛhe na ntease te?
13 Onipa renhu ne bo a ɛsom;
wɔrenhu wɔ ateasefo asase so.
14 Na ebun ka se, ‘Enni me mu’;
na po nso se, ‘Enni me nkyɛn.’
15 Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ ankasa ntɔ,
na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne bo.
16 Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ
apopobibiribo anaa hoabo nso saa ara.
17 Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,
na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinne nsesa.
18 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahene panyin ne ahwehwɛbo din;
nyansa bo sen nhene pa.
19 Etiopia akraatebo ne no nsɛ;
wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronkron ntɔ.
 
20 “Ɛno de, na ɛhe na nyansa fi?
Ɛhe na ntease te?
21 Wɔde asie abɔde biara ani,
wɔde asie wim nnomaa mpo.
22 Ɔsɛe ne Owu ka se,
‘Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.’
23 Onyankopɔn te ɔkwan a ɛkɔ hɔ ase,
na ɔno nko ara na onim faako a ɛte,
24 efisɛ ɔhwɛ kodu nsase ano
na ohu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase.
25 Bere a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ
na osusuw nsuwa no,
26 bere a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ
na otwaa kwan maa aprannaa no,
27 afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛe;
na ogyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛe.
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa se,
Awurade suro, ɛno ne nyansa;
na sɛ wokyi bɔne, yɛ ntease.’ ”