29
Hiob toaa so se,
“Mʼani agyina asram a atwa mu no,
nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,
bere a ne kanea hyerɛn mʼatifi
na mede ne kanea nantewee sum mu no!
Ao, nna a misii so no,
bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi,
bere a na Otumfo no da so ka me ho
na me mma atwa me ho ahyia no,
bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwan
na abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no.
 
“Bere a na mekɔ kuropɔn pon ano
mekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea,
mmerante hu me a, wogyina nkyɛn
na mpanyimfo sɔre gyina hɔ;
atitiriw gyae kasa
na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
10 mmapɔmma tɛm dinn,
na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.
11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,
na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,
12 efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa,
ne ayisaa a wonni aboafo.
13 Onipa a na ɔrewu no hyiraa me;
na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.
14 Mede trenee furaa sɛ mʼadurade;
atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.
15 Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo,
ne anan maa mmubuafo.
16 Meyɛɛ ahiafo agya;
na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.
17 Mibubuu amumɔyɛfo se
na mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.
 
18 “Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu,
na me nna dɔɔso sɛ nwea.
19 Me ntin beduu nsu ano,
na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
20 Mʼanuonyam rempa da,
na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’
 
21 “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me,
wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.
22 Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,
efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.
23 Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete,
na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu.
24 Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni;
mʼanimtew som bo ma wɔn.
25 Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene;
metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu;
meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.