30
“Nanso mprempren wɔserew me,
nnipa a manyin sen wɔn,
na wɔn agyanom mfata sɛ
wɔne me nguan ho akraman tena.
Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,
bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?
Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew,
wɔnantew asase kesee
ne asase bonin so anadwo.
Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,
na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.
Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu,
na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo.
Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo,
abotan ne fam ntokuru mu,
wosuu sɛ mfurum wɔ wuram
na wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase.
Kuw a wɔmfra na wonni din,
wɔpam wɔn fii asase no so.
 
“Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia;
mayɛ abusude wɔ wɔn mu.
10 Wokyi me na wontwiw mmɛn me;
wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim.
11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,
wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim.
12 Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so;
wosum mʼanan mfiri,
na wosisi mpie tia me.
13 Wosisiw mʼakwan;
na wonya me sɛe me
na obiara mmoa me.
14 Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu;
wɔnam mmubui no mu munumunum ba.
15 Ahunahuna ma me ho dwiriw me;
mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu,
me bammɔ atu ayera sɛ omununkum.
 
16 “Na mprempren, me nkwa resa;
na amanehununna akyekyere me.
17 Anadwo wowɔ me nnompe mu;
ɔyaw a ɛwe me no nnyae.
18 Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me;
omia me te sɛ mʼatade kɔn.
19 Ɔtow me kyene dontori mu
na ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ.
 
20 “Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me.
Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
21 Woba me so anibere so;
wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.
22 Wuhwim me na wode mframa pia me;
wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu.
23 Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu,
faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.
 
24 “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ
bere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana?
Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?
26 Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae;
bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.
27 Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;
na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
28 Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me;
migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa.
29 Madan nnompo nuabarima,
me ne mpatu na ɛbɔ.
30 Me honam ani biri na ehuanhuan;
atiridii ama me ho adɔ.
31 Me sanku bɔ kwadwom,
na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.