31
“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ
meremfi akɔnnɔ mu, nhwɛ ababaa.
Dɛn ne onipa kyɛfa a efi ɔsoro Nyankopɔn nkyɛn?
Dɛn ne nʼagyapade a efi ɔsoro Tumfo no nkyɛn?
Ɛnyɛ ɔsɛe mma amumɔyɛfo,
atoyerɛnkyɛm mma wɔn a wɔyɛ bɔne ana?
Onhu mʼakwan
na ɔnkan anammɔn biara a mitu ana?
 
“Sɛ manantew wɔ nkontompo mu
anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,
ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so
na obehu sɛ me ho nni asɛm;
sɛ mʼanammɔntu afom ɔkwan,
sɛ me koma adi mʼani akyi,
anaasɛ me nsa ho agu fi a
ɛno de ma afoforo nni nea madua,
na ma wontutu me nnɔbae ngu.
 
“Sɛ ɔbea bi atɔ me koma so,
anaasɛ matɛw me yɔnko bi pon akyi a,
10 ɛno de, me yere nyam ɔbarima foforo aduan,
na mmarima afoforo ne no nna.
11 Efisɛ anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm
ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.
12 Ɛyɛ ogya a ɛhyew kodu Ɔsɛe mu;
na ebetumi atutu me nnɔbae ase.
 
13 “Sɛ mabu mʼasomfo mmarima ne mmea ntɛnkyew,
bere a wɔne me nyaa asɛm,
14 sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a dɛn na mɛyɛ?
Sɛ wɔfrɛ me akontaabu a, mmuae bɛn na mɛma?
15 Ɛnyɛ nea ɔbɔɔ me wɔ ɔyafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?
Ɛnyɛ onipa koro no na ɔyɛɛ yɛn baanu wɔ yɛn nanom yafunu mu?
 
16 “Sɛ mamma ahiafo nea wɔn koma pɛ
anaa mama akunafo ani ayɛ wɔn yaw,
17 sɛ mabɔ mʼaduan ho atirimɔden a
mamma ayisaa bi,
18 nanso efi mmerantebere mu matetew no sɛnea agya bɛyɛ,
na efi ɔyafunu mu, mahwɛ akunafo.
19 Sɛ mahu obi a onni adurade na ɔrebrɛ,
anaa ohiani bi a onni atade,
20 na sɛ wɔamfi koma mu anhyira me
sɛ mede me nguan ho nwi kaa wɔn hyew,
21 sɛ mama me nsa so atia ayisaa bi,
esiane sɛ mewɔ tumi wɔ asennii nti a,
22 ɛno de, ma me basa mpan mfi me mmati,
ma emmubu mfi nʼapɔw so.
23 Misuroo ɔsɛe a efi Onyankopɔn nkyɛn,
na nʼanuonyam ho suro nti mantumi anyɛ saa nneyɛe no.
 
24 “Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu
anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ ankasa se, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’
25 sɛ masɛpɛw me ho wɔ mʼahode bebrebe nti,
ahode a me nsa aka yi,
26 sɛ mahwɛ owia ne ne hyerɛn
anaa ɔsram a ɔnam anuonyam mu,
27 ama aka me koma a obiara nnim
na me nsa yɛɛ wɔn atuu de nidi maa wɔn a,
28 ɛno de, na eyinom nso bɛyɛ bɔne a wobu ho atɛn,
efisɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokware.
 
29 “Sɛ mʼani gyee wɔ me tamfo amanehunu nti
anaa mesrew no wɔ ɔhaw a aba ne so nti,
30 memmaa mʼano nyɛɛ bɔne
sɛ mɛdome ne nkwa,
31 sɛ nnipa a wɔwɔ me fi mu nkaa da sɛ,
‘Hena na Hiob pon so nam mmee no da?’
32 Ɔhɔho biara anna abɔnten so da,
efisɛ me pon ano daa hɔ da biara maa akwantufo,
33 Makata me bɔne so sɛnea nnipa yɛ
de mʼafɔdi ahyɛ me koma mu
34 esiane sɛ misuroo nnipadɔm
ne ahohora a efi mmusua hɔ no nti
na meyɛɛ komm a mamfi adi.
 
35 (“Ao, sɛ anka mewɔ obi a obetie me.
Mede me din ahyɛ mʼanoyi ase, ma Otumfo no mmua me;
ma nea ɔbɔ me kwaadu no nkyerɛw ne sobobɔ.
36 Ampa ara, mɛhyɛ wɔ me mmati,
mɛhyɛ sɛ ahenkyɛw.
37 Mebu mʼanammɔntu biara ho akontaa akyerɛ no;
mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)
 
38 “Sɛ mʼasase teɛ mu tia me
na nusu fɔw ne nkɔ nyinaa,
39 sɛ madi so aba a mintuaa ka
anaasɛ mabu so apaafo no aba mu a,
40 ma nsɔe mfifi nsi awi anan mu
na wura mfuw nsi atoko anan mu.”
Hiob nsɛm no asi.