32
Elihu Adwenkyerɛ
Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, efisɛ na ɔteɛ wɔ ɔno ara ani so. Na Busini Barakel babarima Elihu a ofi Ram abusua mu no bo fuw Hiob yiye sɛ obu ne ho bem na ommu Onyankopɔn mmom bem. Ne bo fuw nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinaso bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wobuu no fɔ. Elihu twɛn sɛ afoforo no bɛkasa akyerɛ Hiob, efisɛ na wɔanyinyin sen no. Na ohuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuw no sɔree.
Enti Busini Barakel babarima Elihu kae se,
“Meyɛ abofra,
na moyɛ mpanyimfo;
ɛno nti na misuroo sɛ
mɛka nea minim akyerɛ mo.
Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kasa;
ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afi kyerɛ nyansa.’
Nanso honhom a ɛte onipa mu,
Otumfo no home no na ɛma ntease.
Ɛnyɛ mpanyimfo nko na wɔyɛ anyansafo,
ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afi nko na wɔte nea eye ase.
 
10 “Enti mise: Muntie me;
me nso mɛka mʼadwene.
11 Metwɛn wɔ bere a na morekasa,
mitiee mo adwenkyerɛ;
bere a na munhu nea monka no,
12 meyɛɛ aso maa mo pa ara,
nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomso;
mo mu biara anyi ne nsɛm no ano.
13 Monnka se, ‘Yɛahu nyansa;
momma Onyankopɔn mmɔ nʼasɛm no ngu, na ɛnyɛ onipa.’
14 Nanso Hiob nkasa ntia me,
na merennyina mo adwenkyerɛ so mmua no.
 
15 “Wɔn ho adwiriw wɔn, wonni hwee ka bio;
wɔn nsɛm asa.
16 So ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ bere a wɔayɛ komm yi,
saa bere yi a wogyinagyina ha yi a wonni mmuae biara no?
17 Me nso mɛka bi
me nso mɛka mʼadwene.
18 Efisɛ nsɛm ahyɛ mʼanom ma,
na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;
19 Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu
te sɛ nsa kotoku foforo a ɛrebɛpae.
20 Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;
ɛsɛ sɛ mibue mʼano na mema mmuae.
21 Merenyɛ nhwɛanim
na merennɛfɛdɛfɛ obiara;
22 na sɛ makwadaw adɛfɛdɛfɛ mu a,
anka me Yɛfo beyi me afi hɔ ntɛm so.