5
“Wobɛfrɛ a frɛ, na hena na obegye wo so?
Akronkronfo no mu hena nkyɛn na wobɛkɔ?
Ahisɛm kum ɔkwasea,
na anibere kum atetekwaa.
Mʼankasa mahu ɔkwasea a ɔrefefɛw,
nanso mpofirim, wɔdomee ne fi.
Ne mma ne bammɔ ntam kwan ware,
wɔdwerɛw wɔn wɔ asennii a wonni ɔkamafo.
Nea ɔkɔm de no no di ne nnɔbae,
na ɔfa fi nsɔe mu mpo,
na nea osukɔm de no no pere di nʼahode akyi.
Ahokyere mpue mmfi dɔte mu
na ɔhaw nso mfifi mmfi fam.
Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu
mpɛn dodow a gyaframa turuw kɔ soro no.
 
“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn;
na mede mʼasɛm ato nʼanim.
Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu,
ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.
10 Ɔtɔ osu gu asase so;
na ɔde kɔ wuram.
11 Ɔde ahobrɛasefo si nea ɛkorɔn,
na ɔma wɔn a wodi awerɛhow nya asomdwoe.
12 Ɔsɛe aniferefo nhyehyɛe,
ma wɔn nsa si fam.
13 Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu,
na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.
14 Sum duru wɔn awia ketee;
na wɔkeka wɔ owigyinae mu te sɛ anadwo.
15 Ogye ahiafo fi afoa a ɛhyɛ wɔn anom;
ogye wɔn fi ahoɔdenfo nkyehama mu.
16 Enti ahiafo wɔ anidaso,
na ntɛnkyew ka nʼano to mu.
 
17 “Nhyira ne onipa a Onyankopɔn teɛ no,
enti mmu Otumfo nteɛteɛ no animtiaa.
18 Efisɛ ɔno na opira na ɔno ara akyekyere;
opira nanso ne nsa sa yare.
19 Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu;
ason so no, bɔne biara renka wo.
20 Ɔkɔm ba a, obegye wo afi owu mu,
na ɔko mu nso, obegye wo afi afoa ano.
21 Wɔbɛbɔ wo ho ban afi ntwirii ho
na sɛ ɔsɛe ba a ɛnsɛ sɛ wusuro.
22 Wobɛserew ɔsɛe ne ɔkɔm;
na ɛnsɛ sɛ wusuro asase so mmoa.
23 Wo ne afuw so abo bɛyɛ apam,
na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoe mu.
24 Wubehu sɛ wo ntamadan wɔ bammɔ;
na sɛ wosese wʼahode a wubehu sɛ hwee nyeraa ɛ.
25 Wubehu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;
na wʼase bɛfɛe sɛ asase so sare.
26 Wode ahoɔden bɛkɔ ɔda mu,
te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwabere mu.
 
27 “Yɛahwehwɛ eyi mu, na ɛyɛ nokware
ɛno nti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”