6
Hiob Bua Elifas
Na Hiob buae se,
“Sɛ wobetumi akari mʼawerɛhowdi
na me haw nso wɔde agu nsania so a,
anka emu bɛyɛ duru asen nwea a ɛwɔ po mu nyinaa,
enti ɛnyɛ nwonwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
Otumfo agyan no wɔ me mu,
me honhom nom ano bɔre no;
wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
Wuram afurum su wɔ bere a wanya sare ana,
na nantwi nso su wɔ bere a wanya nʼaduan ana?
So wodi aduan a nkyene nni mu?
Na ɔdɛ bi wɔ nkesua mu fufu mu ana?
Mempɛ sɛ mede me nsa ka;
aduan a ɛte saa no bɔ me yare.
 
“Ao sɛ me nsa bɛka mʼabisade,
sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea mʼani da so no ama me,
sɛ Onyankopɔn bɛpɛ sɛ ɔdwerɛw me
sɛ ɔbɛtwe ne nsa na wakum me,
10 ɛne anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekye yi,
a ɛyɛ anigye a mewɔ wɔ ɔyaw a entwa da yi mu,
ne Ɔkronkronni no nsɛm a mimmuu so yi.
 
11 “Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ minya anidaso?
Daakye nneɛma pa bɛn nti na ɛsɛ sɛ minya ntoboase?
12 Mewɔ ahoɔden sɛ ɔbo ana?
Me honam yɛ kɔbere mfrafrae ana?
13 So mewɔ tumi bi a mede bɛboa me ho
saa bere yi a nkonimdi apare me yi ana?
 
14 “Obiara a ɔbɔ nʼadamfo ayamye sɛn no
gyaw Otumfo no ho suro.
15 Nanso ahotoso nni me nuanom mu sɛ nsuwansuwa a eyiri na ɛyow,
sɛ nsuwansuwa a eyiri
16 bere a sukyerɛmma renan
na mparuwbo nso redan nsu,
17 nanso owiabere mu no ɛsen bio
na ɔhyew nti nsu no tu yera.
18 Akwantufo man fi wɔn akwan so;
wɔforo kɔ nsase a awuwu so ma wowuwu.
19 Tema akwantufo hwehwɛ nsu,
Seba aguadifo akwantufo de anidaso hwehwɛ nsu.
20 Wɔn ho yeraw wɔn, efisɛ na wɔwɔ awerehyɛmu;
woduu hɔ, na wɔn anidaso yɛ ɔkwa.
21 Afei, wo nso woakyerɛ sɛ wo so nni mfaso;
wuhu biribi a ɛyɛ hu na wusuro.
22 So maka pɛn se, ‘Me nti momma biribi,
sɛ mumfi mo ahode mu ntua me ti so sika,
23 sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam,
ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’
 
24 “Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm;
monkyerɛ me mfomso a mayɛ.
25 Nokwareka yɛ yaw,
na mo adwenkyerɛ no kosi dɛn?
26 So mokyerɛ sɛ mubesiesie sɛ nea meka no,
na moafa mʼahometew nsɛm sɛ mframa ana?
27 Mpo mobɛbɔ ayisaa so ntonto,
na mode mo adamfo adi nsesagua.
 
28 “Afei momfa ahummɔbɔ nhwɛ me.
Metumi adi atoro wɔ mo anim ana?
29 Montɔ mo bo ase, mummu ntɛnkyew;
monsan nnwen ho, efisɛ eyi fa me pɛpɛyɛ ho.
30 Amumɔyɛsɛm wɔ mʼano ana?
Minnim papa ne bɔne ntam nsonoe ana?