7
“Asase so som nyɛ den mma onipa ana?
Ne nkwanna nte sɛ ɔpaani de?
Sɛnea akoa ani gyina anwummere sunsuma,
anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,
saa ara na wɔatwa asram hunu ato me hɔ,
ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.
Sɛ meda a, midwen bisa se, ‘Bere bɛn na ade bɛkye?’
Nanso anadwo twa mu nkakrankakra, na mepere kosi ahemadakye.
Asunson ne aporɔporɔw afura me nipadua,
me were atetew na ɛrefi nsu.
 
“Me nna kɔ ntɛm sen ɔnwemfo akurokurowa,
na ɛkɔ awiei a anidaso biara nni mu.
Ao, Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ɔhome;
na mʼani renhu anigye bio da.
Ani a ehu me mprempren no renhu me bio;
mobɛhwehwɛ me, nanso na minni hɔ bio.
Sɛnea omununkum yera na etu kɔ,
saa ara na nea ɔkɔ ɔda mu no nsan mma bio.
10 Ɔrensan mma ne fi da biara da bio;
nʼatenae renkae no bio.
 
11 “Ɛno nti meremmua mʼano;
mifi me honhom ahoyeraw mu akasa,
mefi me kra ɔyaw mu anwiinwii.
12 So meyɛ ɛpo anaa aboa kɛse a ɔwɔ bun mu,
na mode me ahyɛ ɔwɛmfo nsa yi?
13 Sɛ midwen sɛ minya awerɛkyekye wɔ me mpa so,
na mʼakongua adwudwo mʼanwiinwii ano a,
14 ɛno mpo na wode adaeso yi me hu
na wode anisoadehu hunahuna me,
15 ɛno nti mepɛ ɔsɛn ne owu,
sen me nipadua yi.
16 Mimmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ.
Munnyaa me; na me nna nka hwee.
 
17 “Ɔdesani ne hena a ne ho hia wo sɛɛ,
na wʼani ku ne ho,
18 na wohwehwɛ ne mu anɔpa biara
na wosɔ no hwɛ bere biara?
19 Worennyi wʼani mfi me so da,
anaasɛ worennyaa me bere tiaa bi mpo ana?
20 Sɛ mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo,
Ao adesamma so wɛmfo?
Adɛn nti na watu wʼani asi me so?
Mayɛ adesoa ama wo ana?
21 Adɛn nti na wonkata me mmarato so
na womfa me bɔne nkyɛ me?
Ɛrenkyɛ biara, mɛda mfutuma mu.
Wobɛhwehwɛ me nanso na minni hɔ bio.”