8
Bildad Asɛnka A Edi Kan
Na Suhini Bildad buae se:
“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akosi da bɛn?
Wo nsɛm yɛ mframa huhuw.
Onyankopɔn kyea atɛntrenee ana?
Otumfo kyea nea ɛteɛ ana?
Bere a wo mma yɛɛ bɔne tiaa no no,
ogyaw wɔn maa wɔn bɔne so akatua.
Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn so
na woabɔ Otumfo no mpae,
sɛ woyɛ kronkron, na woteɛ a,
wo nti, ɔbɛma ne ho so mprempren
na wama wo asi wo dedaw mu.
Wo mfiase bɛyɛ nkakrankakra
na daakye woanya ama abu so.
 
“Bisa awo ntoatoaso a atwa mu no,
na hwehwɛ nea wɔn agyanom hui,
na wɔwoo yɛn nkyɛe na yennim hwee,
yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsuma.
10 Wɔrenkyerɛkyerɛ wo na wɔrenka nkyerɛ wo ana?
Wɔremfi wɔn ntease mu nka nsɛm bi ana?
11 So paparɔso betumi anyin akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?
Demmire betumi afifi baabi a nsu nni ana?
12 Bere a ɛrenyin a wontwae no,
ɛhyew ntɛm so sen sare.
13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te;
saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.
14 Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;
nea ɔde ne ho to so no yɛ ananse ntontan.
15 Otweri ne ntontan, nanso ɛtetew;
oso mu dennen, nanso ɛnyɛ yie.
16 Ɔte sɛ afifide a wogugu so nsu yiye a esi owia mu,
ɛtrɛtrɛw ne mman mu wɔ turo no so;
17 Ne ntin nyin fa abotan ho,
na ɛhwehwɛ ɔkwan kɔ abo mu.
18 Nanso sɛ wotu fi ne sibea a,
saa beae no nnim no bio na ɛka se, ‘Minhuu wo da.’
19 Ampa ara ne nkwa twa mu,
na afifide foforo nyin asase no so.
 
20 “Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛm
na ɔnhyɛ amumɔyɛfo nsa mu den.
21 Ɔbɛma woaserew bio,
na wode ahosɛpɛw ateɛteɛ mu.
22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo,
na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”