Dwom 100
Ayeyi Dwom.
Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.
Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade;
momfa anigye nnwom mmra nʼanim.
Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn;
ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;
yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.
 
Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,
na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;
momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;
ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.