Dwom 99
Awurade di hene,
momma amanaman no ho mpopo;
ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam,
ma asase nwosow.
Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse;
wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.
Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no,
ɔyɛ ɔkronkron.
 
Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee,
woama pɛpɛyɛ atim;
wayɛ nea eye na ɛteɛ
wɔ Yakob mu.
Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim;
ɔyɛ ɔkronkron.
 
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho,
na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;
wɔfrɛɛ Awurade,
na ogyee wɔn so.
Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;
wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.
 
Awurade, yɛn Nyankopɔn,
wugyee wɔn so;
woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel,
nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so,
na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.