Dwom 101
Dawid Dwom.
Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom;
Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.
Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew;
da bɛn na wobɛba me nkyɛn?
 
Mede koma a afɔdi nni mu
bɛhwɛ me fi so.
Merennye ade a ɛyɛ tan
biara nto mu.
 
Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe;
meremfa me ho mmata ho.
Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me;
me ne bɔne nni hwee yɛ.
 
Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no,
ɔno na mɛsɛe;
nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma,
ɔno na merennyigye no so.
 
Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so
na me ne wɔn atena;
nea ne nantew ho nni asɛm no
ɔno na ɔbɛsom me.
 
Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara
rentena me fi;
nea otwa nkontompo no
rennyina mʼanim.
 
Adekyee biara,
mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa;
na mapam ɔdebɔneyɛni biara
afi Awurade kuropɔn mu.